Awurade Me’ba

 


Mete Wo nne dɛɛdɛ
Ɛfrɛ me Awurade
Sɛ mennware mogya no a
Wohwiee wɔ Kalvary.


Ref
Awurade Meba
Me’ba wonkyɛn nnɛ
Te me ho mogya no mu
Wohwie wɔ Kalvary.


Sɛ meba mmerɛ mu a
Woara wohyɛ me den
Sɛ mede me ho bɔne ba a
Wote me ho koraa.


Yesu na refrɛ me
De gyidie asomdwoe
Anidasoɔ dɔ si m’anim
Wɔ ha ne ɛsoro.


Monkamfo Ɔgyeɛ mogya
Ɔde adom yen daa
Momma Kristo yen Wura so
Y’ahoɔden, Yen tenenee.

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *